Matthew 9

Obubuafo bi ayaresa

1Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, ne man mu. 2Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Ɔba, ma wʼani nnye, mede wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”

3Ɛhɔ ara na mmara no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ no bi teɛɛm se, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”

4Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na mudwen bɔne ho saa? 5Me, Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mitumi de bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?’ ” 6Afei ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ obubuafo no se, “Sɔre, na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie, efisɛ, masa wo yare.”

7Amonom hɔ ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ siim kɔɔ ne fi!

8Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Yesu frɛ Mateo

9Yesu fi nea ɔsaa obubuafo no yare hɔ rekɔ no, ohuu ɔbarima towgyeni bi a ɔte atowgyei. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu huu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.

10Ɛbae sɛ Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ Mateo fi kodidii. Wɔredidi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafo no too nsa didii. 11Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ?”

12Yesu tee no, obuaa wɔn se, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn.” 13Ɔsan kae bio se, “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ treneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

14Da bi, Yohane Osuboni asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni mmuada sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?”

15Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how na wobua da anaa? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Na saa bere no na wobedi mmuada.

16“Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besuane dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ. 17Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”

Ɔbea bi ayaresa ne ababaa bi wunyan

18Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛde too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”

19Yesu ne nʼsuafo no ne ɔkyerɛkyerɛfo no siim sɛ wɔrekɔ ɔkyerɛkyerɛfo no fi. 20Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi soo nʼatade ano. 21Ɔkae wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

22Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu, ne ho tɔɔ no.

23Yesu duu ɔkyerɛkyerɛfo no fi hɔ a ohui sɛ nkurɔfo no bi resu, na ebinom reto ayiase nnwom no, 24ɔkae se, “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui ɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no.

25Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee. 26Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛwee wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

Anifuraefo baanu bi ayaresa

27Yesu fi nea onyanee ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛm se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

28Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?” Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”

29Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!”

30Amonom hɔ ara na wɔn ani buei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nnkyerɛ obiara.” 31Nanso nnipa no fi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuru.

Mumu bɔdamfo bi ayaresa

32Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. 33Yesu tuu honhommɔne no, na prɛkopɛ, mumu no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

34Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.”

Ayamhyehye

35Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔsaa nyarewa ahorow bebree. 36Bere a Yesu huu nnipadɔm no no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ, ohui sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. 37Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. 38Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”

Copyright information for TwiNAK